Native Bible

Mark 6:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.”

Mark 6:38 in English

Mark 6:38 · Berean Standard Bible

“Go and see how many loaves you have,” He told them. And after checking, they said, “Five—and two fish.”

Context

36Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.” 37Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.” Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!” 38Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.” 39Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so. 40Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.