Native Bible

Mark 6:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.” Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!”

Mark 6:37 in English

Mark 6:37 · Berean Standard Bible

But Jesus told them, “You give them something to eat.” They asked Him, “Should we go out and spend two hundred denarii * to give all of them bread to eat?”

Context

35Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha. 36Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.” 37Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.” Wɔbisaa no sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ sɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!” 38Yesu bisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu.” 39Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.