Native Bible

Mark 5:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.”

Mark 5:36 in English

Mark 5:36 · Berean Standard Bible

But Jesus overheard * their conversation and said to Jairus, “Do not be afraid; just believe.”

Context

34Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.” 35Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio. 36Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.” 37Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.