Marko 5:37
Mark 5:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane.
Mark 5:37 in English
Mark 5:37 · Berean Standard Bible
And He did not allow anyone to accompany Him except Peter, James, and John the brother of James.
Context
35Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio. 36Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.” 37Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. 39Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.