Marko 4:14
Mark 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no.
Mark 4:14 in English
Mark 4:14 · Berean Standard Bible
The farmer sows the word.
Context
12Esiane saa nti,
“ ‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase,
na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn,
na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’ 13“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase? 14Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no. 15Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa. 16Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.