Marko 4:13
Mark 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase?
Mark 4:13 in English
Mark 4:13 · Berean Standard Bible
Then Jesus said to them, “Do you not understand this parable? Then how will you understand any of the parables?
Context
11Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn. 12Esiane saa nti,
“ ‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase,
na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn,
na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’ 13“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase? 14Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no. 15Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.