Marko 3:24
Mark 3:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu.
Mark 3:24 in English
Mark 3:24 · Berean Standard Bible
If a kingdom is divided against itself, it cannot stand.
Context
22Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.” 23Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam? 24Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu. 25Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no. 26Na sɛ Ɔbonsam twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.