Native Bible

Mark 3:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi.

Mark 3:20 in English

Mark 3:20 · Berean Standard Bible

Then Jesus went home,* and once again a crowd gathered, so that He and His disciples could not even eat.

Context

18Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, ne Simon ɔmanyɛfoɔ, 19ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no. 20Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi. 21Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn efie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.” 22Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.