Marko 3:19
Mark 3:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.
Mark 3:19 in English
Mark 3:19 · Berean Standard Bible
and Judas Iscariot, who betrayed Jesus.*
Context
17Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, aseɛ ne aprannaa mma. 18Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea,
Filipo,
Bartolomeo,
Mateo,
Toma,
Alfeo ba Yakobo,
Tadeo, ne
Simon ɔmanyɛfoɔ, 19ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no. 20Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi. 21Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn efie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.