Native Bible

Mark 16:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu.

Mark 16:10 in English

Mark 16:10 · Berean Standard Bible

She went and told those who had been with Him, who were mourning and weeping.

Context

8Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa. 9Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. 10Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu. 11Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni. 12Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, ahyɛaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.