Native Bible

Mark 16:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.

Mark 16:9 in English

Mark 16:9 · Berean Standard Bible

Early on the first day of the week, after Jesus had risen,* He appeared first to Mary Magdalene, from whom He had driven out seven demons.

Context

7Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhunu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ” 8Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa. 9Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. 10Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu. 11Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.