Marko 15:23
Mark 15:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom.
Mark 15:23 in English
Mark 15:23 · Berean Standard Bible
There they offered Him wine mixed with myrrh, but He did not take it.
Context
21Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no. 22Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ. 23Ɛhɔ na wɔmaa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. 24Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto. 25Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.