Marko 14:5
Mark 14:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”
Mark 14:5 in English
Mark 14:5 · Berean Standard Bible
It could have been sold for over three hundred denarii * and the money given to the poor.” And they scolded her.
Context
3Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim. 4Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. 5Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.” 6Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho? 7Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.