Native Bible

Mark 14:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim.

Mark 14:3 in English

Mark 14:3 · Berean Standard Bible

While Jesus was in Bethany reclining at the table in the home of Simon the Leper,* a woman came with an alabaster jar of expensive perfume, made of pure nard. She broke open the jar and poured it on Jesus’ head.

Context

1Aka nnanu na Twam Afahyɛ* ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafoɔ ahomegyeɛ nna no aduru no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hwehwɛɛ nyansakwan a wɔbɛfa so akye Yesu, akum no. 2Nanso, wɔkaa sɛ, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.” 3Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Ɔtuu ano, hwie guu Yesu tirim. 4Deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no anyɛ nnipa a wɔte adidiiɛ no mu bi dɛ. Na wɔkaa sɛ, “Wasɛe ngo no kwa. 5Anka ɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi anya sika pii na ɔde ama ahiafoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.