Native Bible

Mark 11:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu.

Mark 11:20 in English

Mark 11:20 · Berean Standard Bible

As they were walking back in the morning, they saw the fig tree withered from its roots.

Context

18Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom. 19Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu. 20Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu. 21Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteaam sɛ, “Hwɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!” 22Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu a,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.