Marko 11:18
Mark 11:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.
Mark 11:18 in English
Mark 11:18 · Berean Standard Bible
When the chief priests and scribes heard this, they looked for a way to kill Him. For they were afraid of Him, because the whole crowd was astonished at His teaching.
Context
16sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio. 17Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,’ nanso mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.” 18Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom. 19Sɛdeɛ na wɔtaa yɛ no, anwummerɛ no ara, wɔfirii kuro no mu. 20Anɔpa a asuafoɔ no retwam wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wohunuu sɛ awu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.