Marko 11:16
Mark 11:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio.
Mark 11:16 in English
Mark 11:16 · Berean Standard Bible
And He would not allow anyone to carry merchandise through the temple courts.
Context
14Nanso, Yesu domee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Asuafoɔ no tee asɛm a ɔkaeɛ no. 15Yesu sane baa Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16sii ɛkwan sɛ obiara mmɛdi dwa wɔ hɔ bio. 17Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ,’ nanso mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.” 18Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ tee deɛ Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔ, pɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ. Asɛm a na ɛha wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yie nso a, ɛde basabasa bɛba, ɛfiri sɛ, na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no atom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.