Native Bible

Mark 10:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Mark 10:30 in English

Mark 10:30 · Berean Standard Bible

will fail to receive a hundredfold in the present age—houses and brothers and sisters and mothers and children and fields, along with persecutions—and in the age to come, eternal life.

Context

28Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.” 29Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 31Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan.” 32Afei, wɔsiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn ɛkan; na ɛberɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nneɛma a, sɛ wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.