Marko 10:28
Mark 10:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.”
Mark 10:28 in English
Mark 10:28 · Berean Standard Bible
Peter began to say to Him, “Look, we have left everything and followed You.”
Context
26Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” 27Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.” 28Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.” 29Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.