Native Bible

Mark 10:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?”

Mark 10:26 in English

Mark 10:26 · Berean Standard Bible

They were even more astonished and said to one another, “Who then can be saved?”

Context

24Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio sɛ, “Me mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu? 25Na ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.” 26Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?” 27Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.” 28Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.