Marko 10:31
Mark 10:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan.”
Mark 10:31 in English
Mark 10:31 · Berean Standard Bible
But many who are first will be last, and the last will be first.”
Context
29Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 31Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan.” 32Afei, wɔsiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn ɛkan; na ɛberɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nneɛma a, sɛ wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 33Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ yɛduru hɔ a, wɔbɛyi me, Onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.