Marko 1:4
Mark 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.
Mark 1:4 in English
Mark 1:4 · Berean Standard Bible
John the Baptist appeared in the wilderness, preaching a baptism of repentance for the forgiveness of sins.
Context
2Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ,
“Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan.
Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.” 3“Nne bi reteam firi ɛserɛ so sɛ,
‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade,
mommɔ akwan a ɛtene mma no.’ ” 4Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. 5Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 6Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.