Native Bible

Micah 7:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabaa sɔre tia ne maame, asebaa nso tia nʼase na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.

Micah 7:6 in English

Micah 7:6 · Berean Standard Bible

For a son dishonors his father, a daughter rises against her mother, and a daughter-in-law against her mother-in-law. A man’s enemies are the members of his own household.*

Context

4Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo; deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no. Wʼatɛmmuda no aso, ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ. 5Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho. 6Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabaa sɔre tia ne maame, asebaa nso tia nʼase na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu. 7Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn; na me Onyankopɔn bɛtie me. 8Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ! Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre. Esum aduru me deɛ, nanso Awurade bɛyɛ me hann.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.