Micah 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
Micah 7:5 in English
Micah 7:5 · Berean Standard Bible
Do not rely on a friend; do not trust in a companion. Seal the doors of your mouth from her who lies in your arms.*
Context
3Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;
sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,
ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,
wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ,
wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho. 4Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo;
deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no.
Wʼatɛmmuda no aso,
ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.
Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ. 5Nnye obiara nni;
mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.
Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no
to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho. 6Ɔbabarima twiri nʼagya,
Ɔbabaa sɔre tia ne maame,
asebaa nso tia nʼase
na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu. 7Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade,
Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;
na me Onyankopɔn bɛtie me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.