Native Bible

Micah 7:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu; sodifoɔ bisa akyɛdeɛ, ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.

Micah 7:3 in English

Micah 7:3 · Berean Standard Bible

Both hands are skilled at evil; the prince and the judge demand a bribe. When the powerful utters his evil desire, they all conspire together.

Context

1Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ aduaba tefoɔ a otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu; mennya bobe siaw na madi, borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara. 2Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so. Anka ɔbaako a ɔtene mpo. Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie. 3Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu; sodifoɔ bisa akyɛdeɛ, ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho. 4Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo; deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no. Wʼatɛmmuda no aso, ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ. 5Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.