Micah 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meyii mo firii Misraim megyee mo firii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bɛdii mo anim Aaron ne Miriam nso.
Micah 6:4 in English
Micah 6:4 · Berean Standard Bible
For I brought you up from the land of Egypt and redeemed you from the house of slavery. I sent Moses before you, as well as Aaron and Miriam.
Context
2“Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ;
tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa.
Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ;
ɔrebɔ Israel soboɔ. 3“Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo?
Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me! 4Meyii mo firii Misraim
megyee mo firii nkoasom asase so.
Mesomaa Mose bɛdii mo anim
Aaron ne Miriam nso. 5Me nkurɔfoɔ, monkae
afotuo a Moabhene Balak, maeɛ
ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ.
Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal,
na monhunu Awurade akwantenenee.” 6Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim
mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no?
Memfa anantwie mma a wadi afe
mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.