Micah 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.
Micah 5:9 in English
Micah 5:9 · Berean Standard Bible
Your hand will be lifted over your foes, and all your enemies will be cut off.
Context
7Yakob asefoɔ nkaeɛ no
bɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade,
te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so
a ɛnntwɛn ɔdasani,
na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan. 8Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,
wɔbɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu,
te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu
a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu
na obiara ntumi nnye wɔn. 9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim,
na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. 10“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ
na mabubu wo nteaseɛnam. 11Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so
na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.