Native Bible

Micah 5:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn.

Micah 5:8 in English

Micah 5:8 · Berean Standard Bible

Then the remnant of Jacob will be among the nations, in the midst of many peoples, like a lion among the beasts of the forest, like a young lion among flocks of sheep, which tramples and tears as it passes through, with no one to rescue them.

Context

6Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so, wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so. Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so, bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam. 7Yakob asefoɔ nkaeɛ no bɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade, te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so a ɛnntwɛn ɔdasani, na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan. 8Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn. 9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. 10“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ na mabubu wo nteaseɛnam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.