Native Bible

Micah 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu, kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkaeɛ bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.

Micah 5:3 in English

Micah 5:3 · Berean Standard Bible

Therefore Israel will be abandoned until she who is in labor has given birth; then the rest of His brothers will return to the children of Israel.

Context

1Mommoaboa mo akodɔm ano, Ao akofoɔ kuropɔn, ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia. Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so. 2“Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ, nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ, na nʼase firi teteete.” 3Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu, kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkaeɛ bɛsane akɔka Israelfoɔ ho. 4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo wɔ Awurade ahoɔden mu, wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ. 5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ. Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nnwanhwɛfoɔ nson, mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.