Micah 5:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ. Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nnwanhwɛfoɔ nson, mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.
Micah 5:5 in English
Micah 5:5 · Berean Standard Bible
And He will be our peace * when Assyria invades our land and tramples our citadels. We will raise against it seven shepherds, even eight leaders of men.
Context
3Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,
kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo
na ne nuanom mmarima nkaeɛ
bɛsane akɔka Israelfoɔ ho. 4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo
wɔ Awurade ahoɔden mu,
wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.
Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei
ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ. 5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.
Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,
na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,
yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,
mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn. 6Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,
wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.
Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,
bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a,
ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam. 7Yakob asefoɔ nkaeɛ no
bɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade,
te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so
a ɛnntwɛn ɔdasani,
na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.