Micah 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho na worentumi nnyi wo ho mfiri mu. Worentumi nnante ahantan so bio, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.
Micah 2:3 in English
Micah 2:3 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the LORD says: “I am planning against this nation a disaster from which you cannot free your necks. Then you will not walk so proudly, for it will be a time of calamity.
Context
1Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene,
wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so!
Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no
ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ. 2Wɔn ani bere mfuo na wɔgye.
Na afie nso wɔfa.
Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie,
na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye. 3Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho
na worentumi nnyi wo ho mfiri mu.
Worentumi nnante ahantan so bio,
ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne. 4Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.
Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi
bɛdi mo ho fɛ sɛ:
‘wɔasɛe yɛn koraa;
wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.
Ɔgye firi me nsa mu!
Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ” 5Enti morennya obi wɔ
Awurade asafo mu
a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.