Native Bible

Matthew 8:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi.

Matthew 8:23 in English

Matthew 8:23 · Berean Standard Bible

When He got into the boat, His disciples followed Him.

Context

21Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi.” 22Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”. 23Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi. 24Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada. 25Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.