Mateo 8:15
Matthew 8:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
Matthew 8:15 in English
Matthew 8:15 · Berean Standard Bible
So He touched her hand, and the fever left her, and she got up and began to serve them.
Context
13Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no! 14Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda hɔ. 15Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn. 16Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,
“Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ,
na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.