Mateo 7:3
Matthew 7:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so?
Matthew 7:3 in English
Matthew 7:3 · Berean Standard Bible
Why do you look at the speck in your brother’s eye, but fail to notice the beam in your own eye?
Context
1“Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn. 2Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo. 3“Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so? 4Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so. 5Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.