Mateo 3:8
Matthew 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa.
Matthew 3:8 in English
Matthew 3:8 · Berean Standard Bible
Produce fruit, then, in keeping with repentance.
Context
6Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 7Yohane hunuu sɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. 9Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ. 10Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.