Native Bible

Matthew 26:72 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Petro de ntam sane ne ho bio sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”

Matthew 26:72 in English

Matthew 26:72 · Berean Standard Bible

And again he denied it with an oath: “I do not know the man!”

Context

70Nanso, Petro de abufuo sane ne ho sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee.” 71Akyire yi, abaayewa foforɔ bi hyiaa no ɛpono bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no sɛ, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.” 72Petro de ntam sane ne ho bio sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.” 73Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ petro sɛ, “Yɛnim sɛ woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.” 74Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam sɛ, “Mennim onipa no!” Amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.