Mateo 26:5
Matthew 26:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
Matthew 26:5 in English
Matthew 26:5 · Berean Standard Bible
“But not during the feast,” they said, “or there may be a riot among the people.”
Context
3Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie, 4retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire. 5Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.” 6Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie. 7Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi* a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.