Native Bible

Matthew 26:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi* a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim.

Matthew 26:7 in English

Matthew 26:7 · Berean Standard Bible

a woman came to Him with an alabaster jar of expensive perfume, which she poured on His head as He reclined at the table.

Context

5Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.” 6Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie. 7Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi* a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim. 8Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkaa sɛ, “Adesɛeɛ yi ase ne sɛn? 9Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.