Mateo 26:11
Matthew 26:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa.
Matthew 26:11 in English
Matthew 26:11 · Berean Standard Bible
The poor you will always have with you,* but you will not always have Me.
Context
9Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.” 10Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa. 12Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie. 13Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi wɔ ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.