Mateo 26:10
Matthew 26:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me.
Matthew 26:10 in English
Matthew 26:10 · Berean Standard Bible
Aware of this, Jesus asked, “Why are you bothering this woman? She has done a beautiful deed to Me.
Context
8Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkaa sɛ, “Adesɛeɛ yi ase ne sɛn? 9Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.” 10Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me. 11Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa. 12Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.