Native Bible

Matthew 22:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’

Matthew 22:44 in English

Matthew 22:44 · Berean Standard Bible

‘The Lord said to my Lord, “Sit at My right hand until I put Your enemies under Your feet.”’*

Context

42“Ɛdeɛn na mowɔ ka wɔ Agyenkwa no ho? Hwan ba ne no?” Wɔbuaa no sɛ, “Dawid Ba.” 43Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ, 44“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’ 45Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” 46Obiara antumi ammua. Yei akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.