Native Bible

Matthew 22:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.”

Matthew 22:14 in English

Matthew 22:14 · Berean Standard Bible

For many are called, but few are chosen.”

Context

12Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua. 13“Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’ 14“Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.” 15Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. 16Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.