Native Bible

Matthew 22:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim.

Matthew 22:16 in English

Matthew 22:16 · Berean Standard Bible

They sent their disciples to Him along with the Herodians. “Teacher,” they said, “we know that You are honest and that You teach the way of God in accordance with the truth. You seek favor from no one, because You pay no attention to external appearance.

Context

14“Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.” 15Farisifoɔ no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɛkwan bi a wɔnam nʼanom asɛm so bɛnya no akyere no. 16Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim. 17Ka ma yɛntie. Ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare anaa ɛnyɛ?” 18Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.