Mateo 21:43
Matthew 21:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no.
Matthew 21:43 in English
Matthew 21:43 · Berean Standard Bible
Therefore I tell you that the kingdom of God will be taken away from you and given to a people who will produce its fruit.
Context
41Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.” 42Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ,
“ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no
ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ.
Awurade na wayɛ yei,
na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ 43“Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no. 44Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.” 45Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.