Native Bible

Matthew 21:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi.

Matthew 21:39 in English

Matthew 21:39 · Berean Standard Bible

So they seized him and threw him out of the vineyard and killed him.

Context

37Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no. 38“Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’ 39Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi. 40“Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” 41Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.