Mateo 21:40
Matthew 21:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?”
Matthew 21:40 in English
Matthew 21:40 · Berean Standard Bible
Therefore, when the owner of the vineyard returns, what will he do to those tenants?”
Context
38“Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’ 39Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi. 40“Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” 41Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.” 42Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ,
“ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no
ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ.
Awurade na wayɛ yei,
na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.