Mateo 21:29
Matthew 21:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ.
Matthew 21:29 in English
Matthew 21:29 · Berean Standard Bible
‘I will not,’ he replied. But later he changed his mind and went.*
Context
27Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛnnim!”
Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa sɛ, “Sɛ monnim deɛ a, me nso meremmua mo.” 28Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’ 29“Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ. 30“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ. 31“Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?”
Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.”
Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.