Mateo 21:30
Matthew 21:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
Matthew 21:30 in English
Matthew 21:30 · Berean Standard Bible
Then the man went to the second son and told him the same thing. ‘I will, sir,’ he said. But he did not go.
Context
28Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’ 29“Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ. 30“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ. 31“Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?”
Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.”
Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ. 32Ɛfiri sɛ, Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.