Native Bible

Matthew 20:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

Matthew 20:4 in English

Matthew 20:4 · Berean Standard Bible

‘You also go into my vineyard,’ he said, ‘and I will pay you whatever is right.’

Context

2Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua. 3“Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, sɛ wɔgyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa. 4Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua. 5“Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi. 6Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.