Mateo 20:6
Matthew 20:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’
Matthew 20:6 in English
Matthew 20:6 · Berean Standard Bible
About the eleventh hour * he went out and found still others standing around. ‘Why have you been standing here all day long doing nothing?’ he asked.
Context
4Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua. 5“Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi. 6Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’ 7“Wɔyii ano sɛ, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’
“Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuom no ho.’ 8“Ɛduruu anwummerɛ no, ɔfrɛɛ deɛ ɔtua nʼapaafoɔ no ka no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, firi wɔn a wɔbaa akyire no so kɔsi wɔn a wɔbaa kane no so.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.